Daniel 2:35 - New Revised Asante Twi Bible35 ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa, a ɛyɛ dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, maa ɛyɛɛ sɛ ahuhurubere mu awiporowbea so ntɛtɛ, maa mframa behuw ne nyinaa kɔe a, hwee anka hɔ. Nanso ɔbo a ɛpem ohoni no hwee fam no dan bepɔw kɛse a ɛkataa asase nyinaa so. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa a ɛyɛ dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, ma ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ, ma mframa bɛhuu ne nyinaa kɔeɛ a, hwee anka hɔ. Nanso, ɔboɔ a ɛpem ohoni no hwee fam no danee bepɔ kɛseɛ a ɛkataa asase nyinaa so. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON35 ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma. Faic an caibideil |