Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na me deɛ, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sene ateasefoɔ nyinaa nti na wɔayi ahuntasɛm yi akyerɛ me, na deɛ ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛaseɛ no, na woahunu w’akoma mu nsusuiɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Na ɛnyɛ sɛ, Nana, minim nyansa kyɛn onipa teasefo biara nti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no nkyerɛase na ɔte nea ɛbaa nʼadwene mu no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Na ɛnnyɛ sɛ, Nana, menim nyansa kyɛn onipa teasefoɔ biara enti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no asekyerɛ na ɔte deɛ ɛbaa nʼadwene mu no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na me de, ɛnyɛ nyansa a ɛwɔ me mu sen ateasefo nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me, na nea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ ɔhene nkyerɛase no, na woahu wo koma mu adwene no ntia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:30
16 Iomraidhean Croise  

Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao.


Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri.


M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo wura ne deɛ ɔyi ahuntasɛm adie, sɛ woatumi ayi saa ahuntasɛm yi adie.


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.


Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan