Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahunu Yuda atukɔfoɔ no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene daeɛ no aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kae se, “Mahu nnommum a wofi Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, dae no ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kaa sɛ, “Mahunu atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, daeɛ no ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mahu Yuda atukɔfo no mu barima bi a ɔbɛkyerɛ ɔhene dae no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:25
8 Iomraidhean Croise  

Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim.


Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.


Gye wɔn a wɔtwe wɔn kɔ owuo mu, na sɛ wɔtɔ ekum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Na wɔn mu bi a wɔfiri Yudafoɔ mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;


ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?


Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Daniel a ɔfiri Yuda atukɔfoɔ mu no mmu wo, ɔhene, ne ɛmom a woahyɛ no, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛ adeɛ da koro mprɛnsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan