Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 2:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Daniel kaa sɛ: Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 se, “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Daniel buae sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn din daa daa, sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 2:20
25 Iomraidhean Croise  

Na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nnoɔma no nyinaa mu ntotosoɔ du du.


Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.


Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.


Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.


Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ, ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no.


Monyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ, monyi AWURADE din ayɛ.


Nhyira nka AWURADE din mfiri nnɛ nkɔsi daa.


Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE afiri nnɛ akɔsi daa. Monyi AWURADE ayɛ!


Yɛn AWURADE so, na ne tumi dɔɔso, ne nhunumu nni anobuo.


Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɛfiri teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.


Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na Onyankopɔn akasa prɛko, mprenu na mateɛ: Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,


Afotuo ne nyansahunu wɔ me, mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me.


Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ aba teɛ no.


Hwɛ, woyɛ onyansafoɔ sene Daniel anaa, ahuntasɛm biara anhunta wo,


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan