Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:6
16 Iomraidhean Croise  

Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.


Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na ɔbarima baako wɔ wɔn mu a ɔhyɛ nwera, na ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbaa mu bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.


Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha.


Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn?


Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforɔ no ka kyerɛɛ ɔbaako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfoyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wɔntiatia soɔ no ho adehunu no bɛkɔ akɔsie?


na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn?


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ a ɛwɔ soro hɔnom nhunu Nyankopɔn nyansa bebree no,


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.


Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ.


Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan