Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:3
27 Iomraidhean Croise  

Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa.


Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.


Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi, na nkwaseafoɔ deɛ wɔbɛsoa ahohora.


Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.


Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.


Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi.


Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara.


Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.


Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?


Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Nyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na obi to so; na obiara a ɔto soɔ no nhwɛ sɛdeɛ ɔto so fa.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den.


na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no,


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan