Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 12:2
19 Iomraidhean Croise  

Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.


Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.


Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire.


Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so,


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.


Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.


Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ?


Na sɛ yɛgye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan