Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:38 - New Revised Asante Twi Bible

38 Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim besi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmo ne akyɛde a ɛsom bo bedi no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

38 na obedi abandennen nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a n’agyanom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛde bedi no ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:38
8 Iomraidhean Croise  

Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.


Na ɔremmu ne nananom anyame, na ɔremmu mmaa anigyedeɛ no ne onyame biara, na ɔbɛdi ade nyinaa so akokurokosɛm.


Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandenden a ɛyɛ den koraa no bɛdie; deɛ ɔbu no no, ɔbɛma n’animuonyam ayɛ kɛseɛ na wama no adi nkurɔfoɔ bebree so, na wakyɛ asase de ayɛ akatua.


Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan