Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na ɔremmu ne nananom anyame, na ɔremmu mmaa anigyedeɛ no ne onyame biara, na ɔbɛdi ade nyinaa so akokurokosɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Obebu nʼagyanom anyame animtiaa. Ɔremfa mmea no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforo biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Na ɔremmu n’agyanom anyame, na ɔremmu mmea anigyede no ne onyame biara, na obedi ade nyinaa so akokurokosɛm;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:37
14 Iomraidhean Croise  

Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Yea mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.


na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.


Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ, na me na n’ani gyina me.


Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;


mɛforo akɔ mununkum sorɔnsorɔmmea, mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.


Onipa ba, hwɛ, merebɛbɔ wo de ayi w’ani adeɛ a ɛpɛ no afiri wo ho. Na ntwa adwo, nsu, na mma wo nisuo nkyi.


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.


Na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.


na wohunu nnommum no mu baabereɛ bi, na wopɛ sɛ wofa no yɛ wo yere a,


Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan