Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 “Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 “Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no, na wɔde amamfoyɛ akyide no asi hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:31
18 Iomraidhean Croise  

Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.


Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE seɛ nie, wɔde wɔn akyiwadeɛ asisi efie a wɔde me din atoɔ no mu, de agu ho fi;


Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no.


AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene, wapa ne kronkronbea. Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie, sɛ afahyɛ da.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mongu efie no ho fi, na momfa atɔfoɔ nhyehyɛ abannwa no so ma ma; momfiri adi! Na wɔfirii adi kɔkunkumm wɔ kuro no mu.


Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.


Na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ ɔno ara ne tumi; na ɔbɛsɛe adeɛ ama no ayɛ nwanwa, na ɔbɛdi yie na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ man no.


Na anwummerɛ ne anɔpa adehunu a wɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Enti sɔ anisoadehunu no ano, na ɛfa mmerɛ pii ho.


Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)


Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;


Na sɛ mohunu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.


Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan