Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na Kitifo ahyɛn bɛba no so; enti ne bo betu na wasan, na ne bo behuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasan na n’ani aba wɔn a wogyaw apam kronkron no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:30
13 Iomraidhean Croise  

Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.


Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.


Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm a ɔhyɛ tiaa me yi, na Tobia ne Sanbalat na abɔ no paa.


Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?


Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono, wɔyɛɛ no asonse mango a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;


Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.


Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu.


Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan