Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na ɔde dɔm kɛse bɛkanyan n’ahoɔden ne ne mmaninyɛ ahyɛ nifa fam hene no, na anafo fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree betu sa, nanso ɔrennyina, efisɛ wɔakɔ ne tiri so apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:25
6 Iomraidhean Croise  

Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.


Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.


Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho.


Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman.


Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.


Na anafoɔ fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu baako bɛyɛ den akyɛne no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan