Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 ɔbɛfiri awora aba asase no so deɛ ɛhɔ yɛ fɔɔfɔɔ, na wabɛyɛ deɛ n’agyanom ne ne nananom nyɛɛ da, ɔbɛpete afom adeɛ ne asadeɛ ne ahodeɛ ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔ, aban a ɛyɛ den no ho akɔduru berɛ bi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 obefi mpaase aba asase no so nea ɛhɔ yɛ bɛtɛɛ, na wabɛyɛ nea n’agyanom ne ne nenanom nyɛe da, ɔbɛpete afow ade ne asade ne ahode ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔw, aban a ɛyɛ den no ho akodu bere bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:24
11 Iomraidhean Croise  

Na wɔgyegyee nkuro a ɛyɛ den ne asase a adɔ sradeɛ, na wɔnyaa afie a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔreeɛ, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wɔdie bebree. Na wɔdii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛseɛ, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛseɛ no mu.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo.


Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho.


adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,


Nanso ɔne no pam wie a, ɔbɛtwa no nkontompo, na watu aba de wɔn dɔm ketewa bi abɛdi nim;


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ.


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu?


Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan