Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtogyefoɔ pempensifoɔ bi abɛfa ahemman no animuonyanneɛ mu akorɔ, nanso nna kakraa bi mu wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 “Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 “Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtowgyefo pempensifo bi abɛfa ahemman no anuonyanne mu akɔ, na nna kakra bi mu wɔbɛsɛe no, nanso ɛnyɛ abufuw anaa ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:20
7 Iomraidhean Croise  

Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.


Na womia nufosudaeɛ a, woyi nufosuo ani sradeɛ, na wokyim ɛhwene a, woyi mogya, saa nso na womia abufuo a, woyi ntɔkwa.


Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ.


Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahennie mu animuonyam mmaa no; na ɔbɛfiri awora aba de tɛkyerɛmakyene abɛfa ahennie no mu.


Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so.


Yeinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Habakuk:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan