Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔde bɛsi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔde mmaa no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; nanso ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfasoɔ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔde besi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoe apam. Na ɔde mmea no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; na ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfaso bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:17
15 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.


Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.


Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire, ɛda a mesu mefrɛ no. Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.


Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.


Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa nnipa pii agu.


Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfoɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn.


Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ dadeɛ fasuo, wo ne kuro no ntam, na dane w’ani kyerɛ no, na ɛnni ntekamu, na tua no; ɛno nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israel fie.


Na dane w’ani kyerɛ Yerusalem nkahyɛmu no a wo nsa ho da hɔ, na hyɛ nkɔm gu ne so.


Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ ɔno ara n’asase so abankɛseɛ, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Wɔn nyinaa reba aturuturasɛmdie, na wɔde wɔn ani kyerɛ apueeɛ fam anibereɛ so, na wɔtase nnommum sɛ anwea.


Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.


Deɛ ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.


Na ɛbaa sɛ nna a wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro reyɛ awie duru no, ɔde sii n’anim sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan