Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:16
11 Iomraidhean Croise  

na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.


Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio.


Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛseɛ bɛdi hene, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ.


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire.


Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.


Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.


Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.


Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan