Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 11:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre dosie, na wafa kuro bi a ɛyɛ den, na anafoɔ fam abasa rentumi nnyina, na ne man a wɔayi wɔn nso rennya ahoɔden nnyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre pempe, na wafa kurow bi a ɛyɛ den: Na nifa fam dɔm no rentumi nnyina, na ne nsraafo a wɔapaw wɔn mpo rennya ahoɔden nnyina.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 11:15
11 Iomraidhean Croise  

Na sei na AWURADE Israel Nyankopɔn no ka no kuro yi mu adan ne Yuda ahemfo adan a epie ne afena nti wɔburiiɛ no ho:


Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar, ɔno ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho epie hyiae.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu Yerusalem nnua ngu, na monhɔre ho epie, ɛyɛ kuro a ɛsɛ asotwe, amimdie nko ara na ɛwɔ mu.


Na ɛnyɛ ɛdɔm kɛseɛ ne asafo bebree na Farao de bɛdi ama no. Ɛsa mu wɔbɛto epie na wɔasisi aban atentene de atwa nnipa pii agu.


na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia.


Na mmerɛ no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no, na wo man atuatefoɔ bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehunu no atim, nanso wɔbɛhwehwe ase.


Na mfeɛ bi akyiri no, wɔbɛfefa wɔn ho ayɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa aba atifi fam hene nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam; nanso ɔbaa no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina; na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔsɔɔ no mu, mmerɛ no mu no ama.


Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan