Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na me, Daniel, nko na mehunuu anisoadeɛ no, na mmarima a ɛka me ho no anhunu adeɛ no, nanso ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔdwane kɔhuntae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na me, Daniel, nko na mihuu anisoade no, na mmarima a ɛka me ho no anhu ade no, nanso ehu kɛse kaa wɔn, na woguan kohintawee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:7
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, mesuroe, ɛfiri sɛ meda adagya, na mehuntae.


AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahopopoɔ ne awerɛhoɔ nom wo nsuo.


Na wɔn a wɔne me nam no hunuu hann no deɛ, nanso wɔante deɛ na ɔne me rekasa no nne.


Na mmarima a wɔne no nam no atotɔre mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no deɛ, nanso wɔanhunu obiara.


Na deɛ ɛpueeɛ no yɛ hu pii nti, Mose kaa sɛ: Mesuro, na me ho popo!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan