Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na ne nipadua te sɛ sikabereɛbo, na n’anim te sɛ anyinam, na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne n’anan te sɛ ayowa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyigyei te sɛ ɛpo huuyɛ nnyigyei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:6
18 Iomraidhean Croise  

na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia.


Ne nsa yɛ sika nnwinneɛ a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu, ne nipadua yɛ asonse adwinneɛ a wɔde hoaboɔ adura soɔ.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.


Nkyimiiɛ no tebea ne ne yɛbea te sɛ sikaberɛboɔ ani, na nnan no kura suban korɔ, na wɔn su ne wɔn yɛbea te sɛ nkyimiiɛ a ɛhyɛ nkyimiiɛ mu.


Na wɔnante a, na mete wɔn ntaban no gyegyeɛ sɛ asuo bebree gyegyeɛ, sɛ Otumfoɔ nne, huuyɛ gyegyeegye a ɛte sɛ ɛdɔm nne; sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.


Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ.


Na mehunui, na hwɛ, na nkyimiiɛ nnan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimiiɛ baako wɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimiiɛ no ani te sɛ sikabereɛboɔ ani.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.


Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.


Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ:


deɛ ɛtɔ so nnum yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron yɛ akrateboɔ, deɛ ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dummienu yɛ beredumboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan