Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 manni aduan a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nanso mansra koraa kosii sɛ adapɛn abiɛsa no wiee odu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 10:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Saulo ba Mefiboset siane ba bɛhyiaa ɔhene; na ɔnsiesiee ne nan ase, na ɔnyii ne bɔgyesɛ, na ne ntadeɛ nso ɔnsii, firi da a ɔhene kɔeɛ no de bɛsi da a ɔbaa fie asomdwoeɛ mu no.


Na ne nkwa ma aduane fono no, na ne kra po akɔnnɔduane.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.


Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.


Ɛnna ɔhene kɔɔ n’aban mu, na ɔdii abuada anadwo no, nso wamma wɔamfa n’anigyedeɛ amma n’anim, na n’ani soroe.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Momfom dwetɛ, momfom sika! Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ, nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru.


Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,


Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.


na mmom mehyɛ me nipadua yea, na medi no nya, na mereka asɛm makyerɛ binom yi, me ara wɔanyi me totwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan