Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa asomfoɔ panin no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa piamfohene no anim adɔe ne mmɔborɔhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafoɔhene no anim adɔeɛ ne mmɔborɔhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:9
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n’anim baa nyam wɔ afiasehwɛni no anim.


na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.


Ao, AWURADE, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma no nsi w’akoa yie nnɛ, na ma no mmɔborɔhunu ɔbarima yi anim. Nso na mene ɔhene nsahyɛni wɔ ɛberɛ no mu.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.


Na ɔgye ohiani firi afena a ɛfiri wɔn anomu no ano, ne ɔhoɔdenfoɔ nsam.


Na mmɔborɔni nya anidasoɔ, na amumuyɛ mua n’ano.


Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa hunuu wɔn mmɔbɔ.


Na monhunu sɛ AWURADE ayi ne dɔfo asi hɔ; mesu mefrɛ AWURADE a, ɔbɛtie.


Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.


Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim.


Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan