Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduane, nnom nsã a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ apiafoɔhene no sɛ ɔmma no ɛkwan na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:8
22 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho, na wɔdii adefunu afɔrebɔdeɛ,


Maka ntam, na mɛma no agyina, sɛ mɛdi wo tenenee atemmudeɛ so.


Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.


Mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ɛyɛ nnaadaa aduane.


Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.


Wɔnonnomm nsa na wɔkamfoo sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne ɔboɔ anyame no.


Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.


Na deɛ ɔgyina pintinn, n’akoma mu, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ n’akoma mu sɛ ɔbɛma ne baabunu atena hɔ no, wayɛ no yie.


Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan