Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na asomfoɔ panin no totoo wɔn din. Ɔtoo Daniel din sɛ Beltesasar, na ɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na ɔtoo Misael din sɛ Mesak, na ɔtoo Asaria din sɛ Abed-Nego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Apiafoɔhene no de din foforɔ totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak ɛnna ɔtoo Asaria Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:7
13 Iomraidhean Croise  

Na Farao frɛɛ Yosef Safnat-panea. Na ɔde On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat maa no awareɛ.


Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.


Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde n’agya nuabarima Matania a ɔsakyeraa ne din frɛɛ no Sedekia no sii n’anan.


Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhunu wɔn nyinaa mu deɛ ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wɔde wɔn kaa ɔhene apamfoɔ no ho.


Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafoɔhene Aspenas, sɛ ɔmfa Israel mu, ahemfo asefoɔ ne mmapɔmma no mu,


Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu.


Ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: Wobɛtumi akyerɛ me daeɛ a mesoeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ?


Na Daniel srɛɛ ɔhene, na ɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego yeyɛɛ Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ. Na Daniel deɛ, ɔtenaa ɔhene aban mu.


na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me.


Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:


W’agya hunuu wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu honhom a ɛkyɛne soɔ ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ daeɛ aseɛ kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ sane apɔ mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ aseɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan