Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:4
23 Iomraidhean Croise  

Na Yosef kɔgyinaa Misraimhene Farao anim no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na Yosef firii Farao anim hɔ kɔkyinii Misraim asase nyinaa so.


Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho.


Woahunu onipa a ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho? Ɔno na ɔbɛgyina ahemfo anim, na ɔrennyina mpapahwekwaa anim.


Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu.


Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa mu, na yɛn deɛ, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn, mma nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no nnte.


Hwɛ, mede ɔman bi mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie, AWURADE asɛm nie. Ɔman a wɔyɛ ɔmantease, ɔman a wɔfiri teteete, ɔman a wonnim wɔn kasa, na wonte deɛ wɔka no aseɛ.


Kaldeafoɔ no buaa ɔhene sɛ: Onipa biara nni asase so a ɔbɛtumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛseɛ ne owura ne otumfoɔ biara mmisaa nkonyaayifoɔ, pɛadeahununi ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.


Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;


Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.


Ɔbarima bi wɔ w’ahennie mu a anyame kronkron honhom wɔ ne mu, na w’agya berɛ so no, wɔhunuu ne mu aniteɛ ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, Ɔhene Nebukadnessar, de no sii nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ so panin.


Ɔhene no teaa mu denden sɛ wɔmfa pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ mmra. Ɔhene no bua see Babel anyansafoɔ no sɛ: Obiara a ɔbɛkenkan atwerɛ yi na wakyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no ɔtankɔkɔɔ, na sika atweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa adi ahennie yi mu tumi.


Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan


na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;


Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie.


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu.


na ɔde asafo no asi hɔ animuonyam mu, a nkekaeɛ anaa mpomponeeɛ anaa yeinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a ɛdɛm nso nni ho.


Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan