Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na AWURADE de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:2
30 Iomraidhean Croise  

Na n’ahennie mfitiaseɛ ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase soɔ.


Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.


Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee ne ho tee Nebukadnessar so atua.


Yehoiakim dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.


Na AWURADE fie nnoɔma no bi nso Nebukadnessar de kɔɔ Babel kɔsiee n’ahemfie wɔ Babel.


Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,


Na da no, AWURADE bɛtene ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkaeɛ a wɔaka afiri Asiria, Misraim, Patros, Etiopia, Elam, Sinear, Hamat ne po ano aman mu.


Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu)


Na asɔfoɔ no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛre koraa na wɔde AWURADE fie nnoɔma no bɛsane afiri Babel aba, no nsɛm, na nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.


ɛha mfirinhyia mmienu pɛ, mede AWURADE fie nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar bɛfa firii ha yi de kɔɔ Babel no nyinaa bɛsane aba ha bio.


Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ, na mayi deɛ wɔamene no afiri n’anomu, na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio; Babel afasuo nso ahwe ase.


ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?


Wo, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahennie, kɛseyɛ, anidie ne animuonyam maa w’agya Nebukadnessar,


Ne saa nti, abɔnefoɔ bɔ n’asau no afɔdeɛ na ɔhye aduhwam ma wɔn twiɛ no, ɛfiri sɛ ɛno na ɛma ne kyɛfa dɔre sradeɛ, na n’aduane yɛ sɔɔsɔɔ.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔde rekɔ akɔsi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea hɔ.


Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane?


Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.


Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.


Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.


Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan