Daniel 1:10 - New Revised Asante Twi Bible10 Na asomfoɔ panin no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Mesuro, ɛfiri sɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduane ne mo anonneɛ no bɛhunu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sene mo atipɛnfoɔ mmerantewaa no deɛ, na moama me tiri ato, ɔhene anim. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm10 Piamfohene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ munni saa aduan yi, na monnom nsa no. Sɛ mofonfɔn na wɔde mo toto mmabun a wɔyɛ mo tipɛnfo no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ matoto mʼadwuma ase.” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm10 Apiafoɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ monni saa aduane yi, na monnom nsã no. Sɛ mofonfɔn na yɛde mo toto mmabunu a wɔyɛ mo tipɛnfoɔ no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ, matoto mʼadwuma ase.” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON10 Na apiafohene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Misuro, efisɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduan ne mo anonne no behu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sen mo tipɛnfo mmerantewa no de, no moama me ti ato, ɔhene anim. Faic an caibideil |