Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 1:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛtow hyɛɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 1:1
14 Iomraidhean Croise  

Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.


Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.


Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan (a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛdi kan no mu)


Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba berɛ soɔ nie:


Na Babelhene Nebukadnessar tu baa asase yi soɔ no, yɛkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfiri Kaldeafoɔ dɔm ne Siriafoɔ dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.


Na Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu, asɛm yi firii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:


Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anomu hyɛɛ nwoma mu, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so nnan mu no sɛ:


Asɛm a AWURADE nam Odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babel ne Kaldeafoɔ asase ho nie:


Na bosome a ɛtɔ so nnum, da a ɛtɔ so du a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron no mu, na Ankɔbeahene Nebusaradan a ɔgyina Babel hene anim no baa Yerusalem,


Yei ne ɔman no mu nnipa dodoɔ a Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so nson no mu no, Yudafoɔ mpensa aduonu mmiɛnsa;


ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene bisaa Daniel sɛ: Wone Daniel no a wofiri Yuda atukɔfoɔ a m’agya ɔhene de wɔn firii Yuda baeɛ no mu no?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan