Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:57 - New Revised Asante Twi Bible

57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:57
14 Iomraidhean Croise  

Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ.


Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.


Mɛda AWURADE ase sɛdeɛ ne tenenee teɛ, na mato ayeyie dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no.


Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.


Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so.


Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek.


na Yerubaal mma aduɔson no ho mmusuo aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a ɔkumm wɔn no ne Sekemfoɔ a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ ɔnkum ne nuanom no atifi.


Na Abimelek ne kuro no koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no, na ɔkumm nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kuro no, na ɔde nkyene petee so.


Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ ɔkumm ne nuanom aduɔson no so ka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan