Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:54 - New Revised Asante Twi Bible

54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

54 Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

54 Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’abofra a ɔso n’akode ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrante kum me, na wɔanka wɔ me ho sɛ ɔbea na okum no. Na n’abofra no de nkrante wɔɔ no ma ɔtɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:54
17 Iomraidhean Croise  

Ɛnna megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ na menim sɛ n’ahweaseɛ akyiri no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotire a ɛbɔ ne tire ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura wɔ ha.


Na ɔhwɛɛ n’akyire no, ɔhunuu me, na ɔfrɛɛ me. Na megyee no so sɛ: Menie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Bɛgyina me so ku me, na nketenkete akuta me, nso me kra nyinaa da so wɔ me mu.


Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani,


Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.


Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe.


Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurani,


Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.


Na Israel mmarima no hunuu sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn tenabea.


Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.


Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.


Na nnipa a ɛdi kan a Yonatan ne n’akodeɛkurani kumm wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwie mpamho funtum kwan fa so.


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na monhunu deɛ wafiri yɛn mu korɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, na Yonatan ne n’akodeɛkurani nni hɔ.


Na n’akodeɛkurani no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa; dane wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛdeɛ w’akoma pɛ.


Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani.


Saa ara na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan