Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom bae bɛsen kɔɔ Sekem; na Sekemfo no de wɔn ani too no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:26
6 Iomraidhean Croise  

Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.


Na ɔkaa sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa!


Na Sekemfoɔ maa nnipa kɔtɛɛ no mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no soɔ nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a yɛnsom no? Ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdeɛn nti na yɛn deɛ, yɛnsom no?


Na kuro no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, na ne bo fuiɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan