Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 “Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 “Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na nsɔe ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokware mu na moresra me asi mo so hene a, ɛnne mommra mmɛdɔ me nwini mu; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon nkyeneduru no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 9:15
19 Iomraidhean Croise  

Na Israelhene Yehoas soma maa wɔbaa Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babaa ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.


Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.


AWURADE nne bubu ntweneduro, AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.


Na ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ asaawa futuro, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturituriiɛ, na ne mmienu nyinaa abom ahye a obiara biara rennum.


na ɛbɛba Lebanon ntweneduro a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa ne Basan nnupɔn nyinaa so


Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.


Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.


Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.


ɛso ahahan yɛ fɛ, na ɛso aba dɔɔso, na aduane wɔ mu ma nnipa nyinaa, wiram mmoa tete ne nwunu ase, na ewiem nnomaa sisi ne mman so, na abɔdeɛ nyinaa didi ho.


Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ, na wɔafefɛ sɛ bobe a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa.


Na ogya bi firii Hesbon, ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu; ɛhyee Moab kuro Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.


Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so.


Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.


Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, —


Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek.


Na Abimelek ne asafokuo a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kɔgyinaa kuro no pono ano, na asafokuo mmienu no to hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wiram no nyinaa so kunkumm wɔn.


Na nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan