Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Gideon se, “Di yɛn so hene. Wo ne wo babarima ne wo nena bɛyɛ yɛn ahemfo, efisɛ woagye yɛn afi Midianfo nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, efisɛ wo na woagye yɛn afi Midian nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 8:22
7 Iomraidhean Croise  

Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.


Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio.


Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no.


Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ.


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan