Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Anadwo no, Awurade kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Anadwo no, Awurade kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre sian kɔ nsra no mu, na mede mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:9
23 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.


Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu, berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.


na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.


na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.


Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’akoa Pura nsiane nkɔ nsraban no mu,


Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.


Ɛnna Yonatan kaa sɛ: Hwɛ, yɛrebɛtwam akɔ nnipa no ho akɔyi yɛn ho akyerɛ wɔn,


Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan