Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde ɔman no sian kɔɔ asu no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkrɛma bɛtaforo nsu no bi sɛnea ɔkraman taforo no, fa no nko gyina; na obiara a ɔkotow ne nankoroma anim nom no nso, yɛ no saa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:5
4 Iomraidhean Croise  

Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ.


Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo, enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.


Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan