Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “Awurade afoa yɛ Gideon afoa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na akuw abiɛsa no hyenhyɛn ntorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wokurakura agyatɛn no wɔn nsa benkum mu, ne ntorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteɛɛm sɛ: AWURADE ne Gideon nkrante!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:20
14 Iomraidhean Croise  

Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.


Ao, AWURADE afena, ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm? Sane kɔhyɛ wo boha mu, home na yɛ dinn ɛ!


ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.


Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.


ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,


Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.


Na ɛbaa sɛ deɛ ɛtɔ so nson no soɔ a asɔfoɔ no rehyɛne ntotorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, ɛfiri sɛ AWURADE de kuro no ama mo.


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no.


Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no.


Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefire akyiri no, moatumi akae yeinom da biara.


Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duruu nsraban no ano, dasuo a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ a wɔde awɛmfoɔ gyinagyinaeɛ ara pɛ, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto na wɔbobɔɔ nkuruwa a ɛkurakura wɔn nsam no.


Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.


Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan