Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Anɔpahema, Yerub-Baal (a ɔne Gideon) ne nʼakofo kɔɔ ara kosii Harod asu ho. Midian asraafo nso bɔɔ tukuw wɔ atifi fam wɔ obon bi a ɛbɛn More bepɔw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Yerubaal a ɔne Gideon no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔbɔɔ nsra Harod nsuaniwa ho, na Midian nsra no wɔ ne benkum fam, More koko ho bon no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 7:1
14 Iomraidhean Croise  

Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so.


Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.


Harodini Sama, Harodini Elika,


Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera, sɛ Yabin, Kison subɔn mu.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Ɛnni Yordan agya, owiatɔeɛ kwan no akyi, Kanaanfoɔ a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentensoɔ, More pɔ ho?


Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa.


Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no.


Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.


Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.


Na Yoas ba Yerubaal sii mu kɔtenaa ne fie.


Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.


Afei Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfoɔ kɔkyeree nsraban nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan