Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifoɔ bi maa no baa Israelfoɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na memaa moforo firii Misraim baeɛ, na meyii mo nkoafie mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifoɔ bi maa no baa Israelfoɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na memaa moforo firii Misraim baeɛ, na meyii mo nkoafie mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade somaa odiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkae se, “Asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn, ka ni: Miyii mo fii Misraim nkoasom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifo bi baa Israelfo nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Me na mema moforo fii Misraim bae, na miyii mo nkoafi mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:8
12 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, ɔtiee wɔn abooboo no.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no,


na megyee mo Misraim nsam ne mo ahafoɔ nyinaa nsam, na metuu wɔn firii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo;


Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na meyii Israel firi Misraim baeɛ, na megyee mo Misraim nsam ne ahennie a ɛhyɛɛ mo soɔ nyinaa nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan