Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntamadan ba, na wɔba sɛ mmoadabi pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:5
13 Iomraidhean Croise  

O Yerusalem mmammaa, mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, sɛ Kedar ntomadan, sɛ Salomo ntwamutam.


Obi rentena mu da biara da, na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu, na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ, na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie.


Wɔbɛtwa ne kwaeɛ AWURADE asɛm nie, kwaeɛ a wɔnnya mu ahwehwɛeɛ, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso sene ntutummɛ, na wɔn dodoɔ nni ano.


Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.


Na wɔn yoma bɛyɛ fomfa adeɛ, na wɔn mmoakuo dodoɔ ayɛ asadeɛ. Na mɛbɔ wɔn a wɔayi wɔn bɔgyesɛ putuo apete mframa nyinaa ano, na mede wɔn sɛeɛ afiri afa nyinaa aba wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ: Ampa ara, mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ, na wɔabɔ wo so se.


W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.


Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no.


Na Dawid kunkumm wɔn firi ahemadakye kɔsii da a ɛdi soɔ no anwummerɛ; na wɔn mu biara amfiri mu amfi gye mmeranteɛ ahanan a wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan