Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbɛyɛ atenaeɛ wɔ wɔn asase no so sɛe mfudeɛ no firi Gasa a wɔnnya Israelfoɔ aduane biribiara. Wɔfa nnwan, anantwie ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na wɔbɛbɔ wɔn so nsra, na wɔsɛe asase no so nnɔbae de kodu Gasa, na wonnyaw aduan bi anaa oguan sɛ nantwi sɛ afurum bi wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:4
12 Iomraidhean Croise  

Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa.


Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.


Ohiani a ɔhyɛ ohiani soɔ te sɛ osuo a ɛpra adeɛ korɔ a ɛmma aduane mma.


Na wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane; wɔbɛkum wo mmammarima ne wo mmammaa, na wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie, wɔbɛdi wo bobe ne w’aborɔdɔma, na wɔde afena abobɔ wo nkuro a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no.


me nso deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma akomatudeɛ abɛto mo, nsamanwa ne ɔfoɛ a ɛbɛma mo ani ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mobɛdua mo aduadeɛ kwa, na mo atamfoɔ abɛdi.


Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?


wo deɛ, wobɛgu na worentwa; wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no.


W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa;


Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.


Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan