Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ totorobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wɔfiri Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn torobɛnto, na Abi-eserfo hyia bedii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:34
20 Iomraidhean Croise  

Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.


Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.)


Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.


Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.


Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.


Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa.


Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.


Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;


Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?


Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.


Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.


Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte!


Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan