Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ biara a Israelfoɔ duaa wɔn nnɔbaeɛ no, Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa a wɔte apueeɛ fam no kɔto hyɛ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ Israel nya gu nneɛma a, na Midian ne Amalek ne apueifo no aforo aba wɔn so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:3
25 Iomraidhean Croise  

Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.


Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so.


Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma.


Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.


Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


ɛnneɛ wɔmma mennua na obi nni, na wɔntutu me nnɔbaeɛ ngu.


Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.


Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn.


AWURADE aka ne nifa ne ne tumi basa ho ntam sɛ: Meremfa w’ayuo memma w’atamfo nni bio, na ananafoɔ mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no.


Kedar ne Hasor ahennie a Babelhene Nebukadnessar sɛee no deɛ nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Monsɔre ntu Kedar so sa, na monsɛe apueeɛfoɔ.


Na ka kyerɛ Amonfoɔ no sɛ: Montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ moka sɛ: Wiɛ, sɛ me kronkronbea ho agu fi, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda fie ho nso, sɛ wɔkɔ tukorɔ mu nti,


hwɛ, mereyi wo ama apueeɛfoɔ sɛ wɔmfa wo nni, na wɔnkyere wɔn nsraban wo mu, na wɔnsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wɔbɛdi w’aba, na wɔn ara anom wo nufosuo;


me nso deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma akomatudeɛ abɛto mo, nsamanwa ne ɔfoɛ a ɛbɛma mo ani ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mobɛdua mo aduadeɛ kwa, na mo atamfoɔ abɛdi.


wo deɛ, wobɛgu na worentwa; wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no.


Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.


Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam.


Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkumm Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no.


Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.


na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.


Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan