Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Afei, Awurade bɔfo no de pema a okura no kaa nam ne brodo no, na ogya pue fii ɔbotan no mu hyew nea ɔde bae no nyinaa. Na ɔbɔfo no yerae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no de poma a ɛkura no no kaa ɛnam ne burodo no, na ogya pue firii ɔbotan no mu hyee deɛ ɔde baeɛ no nyinaa. Na ɔbɔfoɔ no yeraeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna AWURADE bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no de ano kaa nam ne apiti no, na ogya fi ɔbo no mu bɛhyew nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfo no fii n’anim kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:21
8 Iomraidhean Croise  

Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.


Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.


Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.


Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no:


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na Manoa faa abirekyie ba ne aduane afɔdeɛ na ɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔbotan no so maa AWURADE. Na ɔbɔfoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ, na Manoa ne ne yere hwɛe.


Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan