Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. Ɔkɔsiesie abirekyie ba, too burodo asikyiresiam lita aduonu mmienu a mmɔreka nni mu. Afei, ɔsoaa ɛnam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de baeɛ. Ɔde brɛɛ ɔbɔfoɔ no wɔ odupɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na Gideon kɔe kosiesiee apapowa ne asikresam olonka biako apiti; nam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsu no ohwie guu kuku mu, na ɔde fii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:19
9 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.


Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.


Afei mfiri ha kɔsi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛdeɛ mabɛsi w’anim. Na ɔkaa sɛ: Mɛtwɛn akɔsi sɛ wobɛsane aba.


Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa.


kaa sɛ: Me wura, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nkɔ.


Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan