Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfo no sɛnea woresɛe onipa baako.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfoɔ no sɛdeɛ woresɛe onipa fua.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, medi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:16
13 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.


Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.


Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho.


Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.


Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.


Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,


Na hwɛ, Boas firi Betlehem bae, na ɔka kyerɛɛ atwafoɔ no sɛ: AWURADE nni mo akyi! Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan