Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyiri a, anka adɛn na yei nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na AWURADE yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei AWURADE apo yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyiri a, anka adɛn na yei nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na AWURADE yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei AWURADE apo yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Gideon buae se, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn nti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka se, ‘Awurade yii yɛn fii Misraim ana?’ Nanso mprempren de, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfo nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Gideon buaa sɛ, “Owura, sɛ Awurade ka yɛn ho a, adɛn enti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka sɛ, ‘Awurade yii yɛn firii Misraim anaa?’ Nanso, seesei deɛ, Awurade agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfoɔ nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw ni, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwonwade a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na Awurade yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei Awurade apa yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsayam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:13
22 Iomraidhean Croise  

Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE.


na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Nyi w’anim nhunta me, mfa abufuo mpamo w’akoa. Me boafoɔ ne wo, nto me ntwene, na nnya me, me nkwagyeɛ Nyankopɔn.


Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi wɔn berɛ so, tete mmerɛ no mu.


Wode wo nsa pamm amanaman, na wɔn deɛ, woduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ, wotrɛɛ wɔn mu.


Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ.


Ɛhe na wo kane adɔeɛ no wɔ, AWURADE, deɛ wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokorɛ mu no?


Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.


Ɛnna ɔkaee tete nna n’akoa Mose berɛ so: Ɛhe na deɛ ɔyii nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ? Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron sii wɔn mu no wɔ?


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


Na sɛ ɔman yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bi bisa wo sɛ: AWURADE adesoa ne deɛn? Ɛnneɛ kyerɛ wɔn sɛ: Wone adesoa no, na mɛto wo matwene, AWURADE asɛm nie.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn?


Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?


Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.


Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan