Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 6:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Meka kyerɛɛ mo se, ‘Mene Awurade, mo Nyankopɔn. Monnsom Amorifo a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mene Awurade, mo Onyankopɔn. Monnsom Amorifoɔ a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na misee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, munnsuro Amorifo a mote wɔn asase so no anyame, nanso moantie me nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 6:10
23 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ.


Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,


Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.


Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie;


Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ;


na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ!


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn kyenkyirenn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene atenetene.


Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.


Momma yɛnneda yɛn aniwuo mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom firi yɛn mmɔfraase de abɛduru nnɛ da yi, na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn nne.


Na maka makyerɛ mo nnɛ, nso moantie AWURADE mo Nyankopɔn ne deɛ ɔde somaa me mo nkyɛn no nyinaa.


Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE, antena Yuda asase so.


na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes.


Na AWURADE se: Ɛfiri sɛ wɔagya me mmara a mede mesii wɔn anim, na wɔantie me, na wɔannante mu ntira.


Wantie AWURADE asɛm, wannye nkyerɛkyerɛ, wamfa ne ho anto AWURADE so, wammɛn ne Nyankopɔn.


Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adie?


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.


Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?


na megyee mo Misraim nsam ne mo ahafoɔ nyinaa nsam, na metuu wɔn firii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan