Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti, monhyira AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti, monhyira AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Israel mpanyimfo sɔre dii anim, na nnipa no de anigye dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Israel mpanimfoɔ sɔre dii animu, na nnipa no de anigyeɛ dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Sɛ Israel mu atitiriw dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam bae nti, munhyira AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 5:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔno so na Sikri ba Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE som kwa no die, na mmarima a wɔtumi wɔn ho mpemahanu ka ne ho.


Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.


Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu Mmɛwa Po mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me, na ɔde aman hyɛɛ m’aseɛ;


Ma Sion bepɔ ani nnye, ma Yuda mmammaa nni ahurisie w’atemmuo nti.


Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


Sion te, na n’ani gye, Yuda mmammaa ho sane wɔn, AWURADE, w’atemmuo nti.


Na sɛ meyɛ no anigyeɛ so a, mewɔ akatua, sɛ nso manyɛ no anigyeɛ so a, wɔde efiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitire mu, ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.


nanso mampɛ sɛ mefiri w’akyiri meyɛ biribiara, na wo yieyɛ anyɛ sɛ ɛfiri ɔhyɛ mu, na mmom afiri ɔpɛ mu.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.


M’akoma da Israel atitire a wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so. Monhyira AWURADE!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan