Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:7
17 Iomraidhean Croise  

Na Elia kaa sɛ: Monkyere Baal adiyifoɔ no, mommma wɔn mu biara mmfiri mu mfi! Na wɔkyeree wɔn na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison asuo ho, na ɔkumm wɔn wɔ hɔ.


Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,


Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.


Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ.


Na sɛ wantɛ no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnneɛ mɛyi baabi mama wo, na wadwane akɔ hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.


Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.


Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnneɛ merenkɔ.


Kison asuo sesaa wɔn kɔe, tete dɔm asuo no, Kison asuo no. Me kra, tiatia kɔ wɔ ahoɔden so.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan