Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Bere a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue behyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti, odii nʼakyi kɔɔ ntamadan no mu kohuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛe si ne moma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na hwɛ, Barak retiw Sisera; na Yael fii adi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn; na hwɛ, Sisera da hɔ a wawu, na bofunnua no tua n’asontɔre mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:22
4 Iomraidhean Croise  

Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.


Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa asaeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui.


Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaanhene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan