Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Atemmufo 4:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim, na Sisera fii ne nteaseɛnam mu sii fam guanee n’ananmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Atemmufo 4:15
8 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.


Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ.


Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me.


Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda.


Na Samuel rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe pinii sɛ wɔne Israel rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛseɛ guu Filistifoɔ no so da no, na ɔkaa wɔn gui maa wɔtotɔe Israel anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan